Psalms 127

Ɔsoroforo dwom. Salomo de.


1 Awurade ansi ɔdan no a,
adansifo no yɛ ho adwuma kwa.
Awurade ammɔ kuropɔn no ho ban a,
awɛmfo no wɛn kwa.

2 Sɛ wosɔre anɔpahema
na wotena kosi anadwo,
na woyɛ adwumaden pɛ wʼano aduan a,
ɛyɛ ɔkwa, efisɛ wɔn a ɔdɔ wɔn no, ɔma wɔn wɔ wɔn nnae mu.


3 Mma yɛ agyapade a efi Awurade hɔ,
na mma yɛ akatua a efi no.

4 Mma a wɔwo wɔn mmabun bere mu no
te sɛ agyan a ɛhyɛ ɔsraani nsam.

5 Nhyira ne onipa a
nʼagyan kotoku ayɛ ma.
Nʼanim rengu ase
bere a wahyia nʼatamfo wɔ kurow pon ano no.
Copyright information for TwiAKNA